1 Thessalonians 4

Asetena a ɛsɔ Onyankopɔn ani

1Anuanom, asɛm a etwa to ne sɛ, musuaa ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ mofa so tena ase a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. Na saa pɛpɛɛpɛ na morebɔ mo bra. Enti yɛde yɛn Awurade Yesu din srɛ, hyɛ mo sɛ, monyɛ mma ɛmmoro nea moreyɛ mprempren no mu. 2Munim nkyerɛkyerɛ a ɛnam Awurade Yesu tumi nti, yetumi kyerɛkyerɛɛ mo. 3Eyi yɛ Onyankopɔn pɛ a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ sɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho fi aguamammɔ ho. 4Ɛsɛ sɛ musua sɛnea mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena kronnyɛ ne anuonyam so. 5Monntena ase akɔnnɔ anibere so te sɛ wɔn a wonnim Onyankopɔn.

6Onyankopɔn akyide no bi nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mo mu biara sisi ne yɔnko gye ne yere, efisɛ, sɛ obi yɛ saa a, Onyankopɔn bɛtwe nʼaso denneenen sɛnea yɛadi kan abɔ mo kɔkɔ no. 7Onyankopɔn amfrɛ yɛn sɛ yɛmmɛbɔ aguaman na mmom ɔfrɛɛ yɛn sɛ yɛntena ase ahotew mu. 8Ɛno nti, obiara a ɔbɛpo nkyerɛkyerɛ no ntia onipa na mmom, otia Onyankopɔn a ɔma mo Honhom Kronkron no.

9Ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw mo afa ɔdɔ a ɛsɛ sɛ modɔ mo nuanom asuafo no ho. Onyankopɔn akyerɛ mo ankasa ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so dodɔ mo ho mo ho. 10Na moada saa ɔdɔ no adi pɛpɛɛpɛ akyerɛ anuanom a wɔwɔ Makedonia no nyinaa. Nanso anuanom, yɛsrɛ mo sɛ monkɔ so nnodɔ mo ho mo ho mma ɛmmoro saa. 11Momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔhoma sɛnea yɛaka akyerɛ mo dedaw no. 12Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafo no afɛre mo na moremmisa nea ehia mo nso mfi obiara nkyɛn.

Awurade ba no

13Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokware a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a morenni ho awerɛhow te sɛ wɔn a wonni anidaso no. 14Yegye di sɛ Yesu wui, na ɔsɔree bio enti yɛwɔ gyidi sɛ wɔn a wogyee Yesu dii na wowuwui no, Onyankopɔn de saa nnipa no bɛka Yesu ho.

15Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne sɛ, ɛda a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufo no anim kan. 16Awurade no ankasa de nteɛm a ɔbɔfo panyin no nso nne a Onyankopɔn torobɛnto nne ka ho fi soro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bɛsɔre kan, 17na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase bere no ne wɔn a wɔasɔre no ano wɔ omununkum mu ahyia Awurade wɔ wim. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa. 18Enti, momfa saa asɛm yi nkyekye obiara werɛ.

Copyright information for TwiNAK